KidsOut World Stories

Oheneba baa nawarie Farida Salifu    
Previous page
Next page

Oheneba baa nawarie

A free resource from

Begin reading

This story is available in:

 

 

 

 

Oheneba baa nawarie

 

the princess

 

 

 

 

 

*

Nna enigye aba papaapa wɔ bere a Asante kurowmba bi reka abɔ mu edi hembabaa ne ayefor. Nna biribiara da yie sɛ hembabaa Yaa bɛware ɔhen ba barima bi a ofiri kurow bi mu wɔ mpɔtamu hɔ ara nti na n'enyi agye papaapa.

Hen ba barima ne hembabaa no nyinii bɔɔ mu na wohyia wɔn ho wɔ ehyiadi pii nti nna wɔnim wɔn no yie. Wɔ wia mber wɔ abosome bebree a nna wɔ de rehunu wɔn ho wɔn ho. Ne bra nyinara mu no, nna hembabaa no rehwehwɛ sɛ dɛm da te sɛ yi beduru: ayefor tɛtɛɛtɛr a obiara bɛtwa n'enyi ahwɛ no nko ara.

Hebabaa ne asomfo no de egudi, mbiid ne nsano-mfonin wɔ honam eni so de siesiee hembabaa no papaapa de tweɔɔn anadwopɔn osebɔ no enim.

Asomfo no mu baako kaa sɛ, 'Hembabaa, yɛsrɛ wo ka nea wo akoma mu ka kyerɛ wo fa wo daakye kunu ne ho.'

Hembabaa no pae mu kaa sɛ, 'Ɔyɛ barima papa, me tumi kyerɛ nea ɔbɛka anaaso ɔbɛyɛ na ɔnnsi m'ekyiri so. Ɔbɛyɛ kunu papa. Sɛ ɛka me nko ara a, nka me bɛware obi a ɔnnsuro hwee, ne ho yɛ hu kakra; obi a ɔwɔ sika kakra kyɛn no na ne ho so yɛ fɛw kyɛn no. Naaso woana nim,' hembabaa no na ɔrekasa yi wɔ bere a ɔ resere kakra, 'Ɛbɛtumi aba no sɛ me bɛdɔ me kunu no papapaa dabi dabi. Seisei ara de m'enyi gye sɛ me ne no bɛtena, efiri sɛ ɔbɛhwɛ me yie. Asɛm kakra a ɛwɔ hɔ ara ne sɛ ɔrenntumi mma me nea me akoma rehwehwɛ wɔ wiase mu nyinara efiri sɛ ne ebusua nnhyɛ daa nni sika te sɛ me de.'

Somfo ketewa koraa a ɔwɔ mu no bisaa sɛ, 'Hembabaa, sɛ wo sika, mbiid ne egudi mboba nni hɔ a, dɛn na wo bɛyɛ?'

Hembabaa no serewee na ɔyii ano kaa sɛ, 'Me bɛhwehwɛ sikani a ɔpɛ me efiri kurow kɛse mu. Ɔbaa fɛɛfɛɛfɛw te sɛ me de, ɛnny brɛ biara na me bɛtumi afa mu.'

Hembabaa ne asomfo no nyinara hyɛɛ ase sɛ wɔreserew efiri sɛ nna wɔnim sɛ wɔn hembabaa no ho ahometew paa nti nea wɔaka no nyinara no ɔbɛyɛ wɔ abere a ne kunu no nnim ho hwee.  

Ayefor bere no soe anapa bi. Nna hembabaa no eni nngye nkɔmbɔ a ɔde ne awofo bɔe ewimbir a abɛtwa mu no. Hembabaa no bisaa ne egya sɛ ɔmboa ne kunu foforo no wɔ sikasɛm mu ama barima no ɛtumi atɔ egudi ne wiase ndeɛma ama hemaa no. Ne egya anngye annto mu, na ɔka kyerɛɛ ne ba baa baako pɛ no sɛ ɛnnyɛ sika na ho hia paa wɔ wiase mu.

Nna hembabaa no dwen sɛ wɔ dɛm asɛm yi mu no, ne egya nnim nyansa na ne tiri mu yɛ den. 'Annyɛ biara no,' ɔ dwenee, 'ne de yɛ, ɔwɔ sika bebree dadaw. Ne me so ɛ?'

Hembabaa no hwɛɛ ne ho wɔ ahwehwɛ mu a wɔde egudi papa paa ahyehyɛ no. Na ɔhwɛɛ ne pono so mu a wɔde nkongua apapa ne tam a bo yɛ den de asiesie hɔ. Ɛtɔɔ ne so sɛ ɛbɛba no sɛ ɛwɔ sɛ ɔgya wiase ndɛma apapa yi nyinara hɔ. Nna barima a ɔ rekɔ ware no wɔ bi, naaso nna ɔnni sika bebree nti nna barima no renntumi nnhwɛ no te sɛ nea hemaa no nim dadaw no. 'Sɛ barima sikani bi bɛba abɛgye me efiri daakye bra a enigye biara nnim a,' asɛm a nna hembabaa no redwen ni.

Kurowmu mba no hyɛɛ ase sɛ wɔreka abɔ mu ehu wɔn hembabaa a wɔdɔ no yie n'aware. Nna kurowmu mba no bi eni agye papaapa efiri sɛ nna wɔnim sɛ ɔhen ne hembaa no de siantiri papa bi nti na wɔrepia wɔn ba no akɔ aware mu nna nnyɛ sika nko ara nti. Nna ɛnnhyɛ daa nnyɛ bi nom so dɛ ɛfiri sɛ nna wɔn yamu anka hembabaa no bɛware nipa pɔn ne barima sikani bi a ɔbɛboa ma amanaman afoforo ɛbu wɔn kurow no ara yie.

Nna amanfo a wɔehyia mu no nyinara ataa dii wɔ bere a hembabaa ahoɔfɛwfo no hyɛɛ ase sɛ ɔrenantew wɔ kwan a ɛda amanfo no wɔn mfinimfin akɔ ne daakye kunu hɔ. Mpɔnkɔ a wɔ di mirika firi ekyiri reba de dede yii kɔɔn no firi hɔ. Kurow no nyinara hwɛɛ mpɔnkɔ no wɔ bere a wɔgyinae wɔ ayefor ne ase. Nna barima ahoɔfɛwfo bi te pɔnkɔ a odi kan no so. Nna wɔde agudi ahyehyɛ no a wɔesiesie ne ho yie ara yie. Wɔde selk ahoma na wɔde ayɛ ne mpabwa, na ne jakɛt wɔde vɛlvɛt papa bi na sikabo daemɔnd ne nrubi a wɔsom bo ara yie gugu so.

Hɔho ahoɔfɛwfo yi nanteew kɔɔ amanfo no wɔn mu na ɔdaa ne ho edi sɛ ɔyɛ hembabarima firi kurow bi a ɛwɔ ekyiri ekyiri. 'Me aba sɛ me reba aba bisa hembabaa no sɛ ɔnware me,' hɔho ahoɔfɛwfo na ɔrekasa yi. 'Me etu kwan nda ebien ne anadwo beenu sɛnea me bɛdu ha ansaana wɔde no ama obi foforo.'

Ɔhen no sɔree baa n'enim bɛhwɛɛ hɔho ne ho yie. 'Me gye wo di sɛ wo yɛ nipaban a wo se wo yɛ, naaso me renntumi mmfa me ba baa no mma wo sɛ wo a wo yɛ hɔho koraa sɛ wo nware no. Wɔahyɛ obi foforo bɔ sɛ ɔbɛware no ndɛ.'

Ɔ hunuu sɛ hɔho ahoɔfɛwfo no ahyehyɛ ne ho paa no, hembabaa no bisaa sɛ ɔde n'awofo bɛkasa kokoa mu. Nna kurowmu mba no rekeka nsɛm na nna obiara nnim asɛm a ɛbɛsan ɛsi.

Ekyiri koraa no, hembabaa, ɔhen ne hembaa no baa kurow mba no enim bio. Wɔ bere a emmfiri ne yamu, ɔhen no bɔɔ obiara amande sɛ hembabaa no ayɛ n'adwen sɛ ɔ bɛware hɔho ahoɔfɛwfo no na obegya kunu a wɔhwehwɛɛ maa no no esi sɔ.

Hɔ ne hɔ ara, kurow no mu mpaninfo anngye asɛm no annto mu. Ɔhen ne so kyerɛɛ n'adwen na ɔkaa sɛ ne ba baa apɛde de nsɛm bɛba. 'Sɛ me ba baa sesa n'adwen na ɔgye to mu sɛ ɔbɛware barima a yɛafa ama no a,' ɔhen no na ɔrekasa yi, 'me ne kurow mu mba nyinara de yɛn nhyira bɛtae no ekyiri. Naaso sɛ ɔde asoɔden kɔso pɛ sɛ ɔbɛware hɔho yi a yɛnnim ne ho hwee a, nna ɛno de yɛbɛbɔ no esu efiri yɛn man yi mu na yɛbɛhyɛ no sɛ ɔno ara nkɔbɔ ne bra nhwehwɛ ne egyapade.'

Nna hembaa no ayɛ basaa na ɔkaa kyerɛɛ ne ba no sɛ ɔnware barima a wɔapaw ama no no. Naaso nna hembabaa no ayɛ n'adwen dadaw na nna n'eni abere sɛ ɔbɛware hɔho ahoɔfɛwfo no efiri sɛ nna wɔagye no edi koraa sɛ ɔyɛ hemba barima wɔ kurow foforo bi so.

Nti kɔmfo no waar hemba baa ne hɔho ahoɔfɛwfo no kaa wɔn bɔɔ mu. Naaso nna enigye biara nni dwumadi no mu efiri sɛ ɔhen na ne mpaninfo no ennhyira aware no so.

Dwumadi no kɔɔ ne ewiei no, ɔhen no bɔɔ ne ba baa no esu na ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa no na ne kunu foforo no nkɔ ahenman n'ano a hembabaa n'asomfo pɛ ka wɔn ho. Ɛyɛ dɛm bere a wɔretu awerɛhow kwan yi na hembabaa n'asomfo hyɛɛ ase sɛ wɔretow ndwom sɛ ...

Aware wɔ ekyiri ekyiri saa de me rennkɔ

Aware wɔ ekyiri ekyiri saa de me rennkɔ

Naaso yɛma wo tiri nkwa,

wo re fi wo fi akɔ bɔ bra wɔ ekyiri ekyiri

a wo rekɔ ware hɔho a obiara nnim no

Aware wɔ ekyiri ekyiri saa de me rennkɔ

Aware wɔ ekyiri ekyiri saa de me rennkɔ

Ahɔho ne akwantufo no dur ahenman no ano no, hembaa no yɛɛ n'asomfo no bae-bae. Na ɔno na ne kunu foforo no de pɔnkɔ traa esuten no na wɔhyɛɛ wɔn akwantu ase gidigidi.

Wɔtuu kwan dɔnhwere bebree ekyiri no, hembabaa no brɛe naa kɔm so dee no. 'Me dɔ, me srɛ wo yɛbɛtumi agye yɛn ahome kakra ama wo asomfo no abrɛ me nsu kakra?'

'Dɛn asomfo?' hemba barima ne nde a mu piw bisaa no.

Hembabaa no twaa ne ho hwɛɛ hɔ nyinara hunuu sɛ asomfo no nyinara ayera. Nna aka wɔn beenu pɛ a wɔretwiw mpɔnkɔ no kɔ.

'Ka wo akoma to wo yamu,' hemba barima na ɔ rekasa yi, 'yɛedu fie ara no no.'

Nna hembabaa no abrɛ a kɔm so de no, na nna ɔnnim sɛnea wɔtu kwan a wɔmmfa asomfo nnkɔ, naaso ɔtoaa so sɛ ɔde ne kunu no retu kwan na annkyɛr biara ɔhunuu sɛ wɔreka pɔnkɔ no wɔ a ndua atenten wɔ mu. Nna no mu yɛ win na ɔyɛ sum ne ayamuhyehye so a ewia nntumi mmbɔ mba mu.

'Hwɛ hɔ!' hemba barima no tiaa mu. 'Afei yɛedu fie.'

Naaso nna biribiara nni hɔ gye sɛ ndua nko ara na ɛtwa wɔn ho ɛhyia nti nna hembabaa no ho abow no papaapa. 'Me nntumi nnhu biribiara, me dɔ.'

Ne kunu foforo no sianee firi ne pɔnkɔ no so, na ɔserewee kwan bɔne so. 'Ɛyɛ sere sɛ wo emmbisa me din mpo, naaso wo gyee too mu sɛ wo bɛware me. Woana na ɔware barima a onnim ne ho biribiara?'

Nna hembabaa no pɛ sɛ ɔhyɛ ne ho so na ɔka n'akoma to yamu naaso nna ne yamu rehyehye no sema biara a ɛbɛtwa mu. 'Me dɔ, nna me nim sɛ wo ne me barima aber a me hunuu wo ara pɛ.'

'Me dwen sɛ nna wo pɛ sɛ wo ware me efiri sɛnea meahyehyɛ me ho na sika a me wɔ nti. Wo waree me efiri enisoade siantiri na nnyɛ dɔ bi!'

Nna hembabaa no nntumi nnka biribiara wɔ bere ne kunu toaa so kekaa n'adwen kyerɛɛ no. 'Me nnyɛ barima a wo dwen sɛ me yɛ, hembabaa. Nokwasɛm, me nnnyɛ barima koraa mpo. Yɛfrɛ me Sakraman, na sɛ bosome no pue a, me bɛdan sakraman na wo so bɛdan bi. Me ne wo bɛtena kwa yi mu edi mboa wɔn fun. Wo ehu henebabaa, ɛnnyɛ biribiara a ɛhyerɛn na ɛyɛ sika. Sɛ wo tiee wo awofo ne kurowmu mpaninfo a wonim kyɛn wo a, anka nyansa wɔ mu. Bere biara wo eni bere ade na wo hwehwɛ biribi papa a ɛkyɛn nea wo wɔ, wo eni nnsɔ ade a wo nim anaaso wo wɔ dadaw. Ɛno na ɛde wo abrɛ me wɔ ha. Wo nkrabea ni.

Hembabaa no sui anadwo no nyinara. Nna wɔadom no sɛ ɔbɛwe mboa wɔn fun wɔ kwa yi mu, na bio bosome biara a bosome kɛse paa bɛsɔre no, ɔbɛdan sakraman, na ɔrennhu ne ebusuafo anaaso ne ahenman bio; yi nyinara noara na ɔde baa ne ho so efiri sɛ n'aso yɛ den na n'eni bere ade.

Enjoyed this story?
Find out more here