KidsOut World Stories

Mframa eni awia    
Previous page
Next page

Mframa eni awia

A free resource from

Begin reading

This story is available in:

 

 

 

 

Mframa eni awia

 

 

 

 

 

 


Da bi, anoden mframa kaa kyerɛ ewia sɛ, ‘Wo nim sɛ wɔ wimu ha, me na me ho yɛ den paa!’

Ewia yii ano kaa sɛ, 'Wimu abɔde biara ho tumi yɛ den ara yie.’

Naaso anoden mframa anngye asɛm yi annto mu. ‘Wimu abɔde nyinara wɔn ho yɛ den,' mframa na ɔrekasa yi, 'naaso me na me ho yɛ den paa wɔ wɔn mu. Yɛnsi akan mfa nkyerɛ sɛ nea me reka no yɛ nokware anaa. Wimu abɔde a ɛbɛma amanfo ɛyi wɔn ntare paa na ne ho yɛ den paa.’

Ewia gyee too mu sɛ ɔbɛsi akan no bi na ɔka kyerɛɛ mframa sɛ ɔndi kan. Nti mframa bɔe, bɔe wɔ asaase so de wosoow asaase. Amanfo wɔn nkyɛw firii wɔn tiri so kɔɔ wi mu na binom so suoo wɔn ntare mu sɛnea ntare no nnyi wɔ bere a mframa no ano ayɛ hye. 

Nna mframa no abɔ mbɔden awosow ndeama ara yie wɔ sema bebree a nna ɔrebɔ no mu. Nna ɔehuw nkyɛw piinara. Nna ɔapra mbɔdambɔ a hwee nni wɔn mu, nwura, ndawurbɔ-nkrataa ne nkyini. Naaso wɔenntumi amma amanfo ennyi wɔn ntare.

Afei nna ewia ne bere wɔ akansi no mu aso. Na ewia no hyerɛɛn denden wɔ wimu ma asaase no so yɛɛ hyew na amanfo hyɛɛ ase sɛ wɔreyi wɔn ntare. Edi kan, wɔyii wɔn mpabowa, afei wɔyii wɔn sɔks ne wɔn hyɛɛte, na wɔ jakɛt. Binom koraa yii wɔn trɔsa wɔ bere a ewiabere ewia no ano ayɛ den.

Mframa hunuu sɛnea ewia no abɔ edwuma no, ne bo fuwii papaapa na ɔmaa  wimu sesae firii ewia baa mframa ama amanfo asan ahyɛ wɔn ntare bio na wɔakɔ dan mu bio. Mframa enntumi anngye enndi sɛ ewia edi konim wɔ akansi no mu akyerɛ sɛ ɔno na ɔbɔ edwuma paa wɔ wimu abɔde nyinara wɔn mu.

Nsu ne munumkum ne wimu abɔde nyinara bɔɔ wɔn nsamu maa ewi na wɔsoɛɛ no sɛ ɔyɛ hero. Naaso wi kaa kyerɛɛ obiara sɛ ɔnnyɛ hero koraa na wimu abɔde nyinara wɔ ho hia wɔ kwan soronko so. ‘Me nko menntumi nnyɛ wimu abɔde a obiara nnka ho - obiara ne ho hia,' ewia na ɔrekasa yi. ‘Yɛn mu biara di dwuma a ho hia ara yie, na yɛn nyinara boa ma wimu bere dane. Yɛtɔ nsu go asaase so, yɛ bɔ munumkum wɔ wimu, yɛma nkorɔfo kan ne win, na yɛ bɔ mbɔden sɛ ndua ne nhwiren ne ndɔbae nyin wɔ asaase so.'

Ewia frɛɛ mframa bae ma wɔn nyinara gyee nsambɔ no too mu; ɔkyerɛɛ mu sɛ wimu abɔde nyinara wɔ tiim baako mu na ɛwɔ sɛ obiara eni gye dwuma a wɔn nyinara wɔdi.

Mframa tee ase sɛ obiara yɛ soronko. Ho nnhia sɛ wo bɛdwen sɛ wo ho hia kyɛn obi. Mframa so san tee ase sɛ ho hia sɛ ɔde afoforo bɛbɔ mu edi dwuma sɛnea ɔbɛnya biribi papa efiri afoforo a wɔde no tena wɔn hɔ. Nti ɛbaa no sɛ wimu abɔde nyinara tee wɔn ho ase dii dwuma bɔɔ mu, na obiara yɛɛ n'edwuma, na obiara eni so sɔɔ afoforo wɔn edwuma.

 

 

 

Contributors

Writer

 Farida Salifu

Translator

KidsOut

Theme Music

 'Handicraft' by FlavioCortizo from Audiojungle.net

Artwork

Created from images sourced on Shutterstock



Enjoyed this story?
Find out more here