KidsOut World Stories

Nnamfo kosi awiee Farida Salifu    
Previous page
Next page

Nnamfo kosi awiee

A free resource from

Begin reading

This story is available in:

 

Akan cover for Friends Forever

 

 

 

Nnamfo kosi awiee

frog and mouse

 

 

 

 

 

*

Nna kura ne atwɛr bi te a wɔyɛ adamfo papaapa. Anapa biara, atwɛr no bɛkɔ akɔsra okura no wɔ ne fie a nna ɛwɔ dua bi mu. Nna okura no eni gye ara yie sɛ atwɛr no ba bɛsra no a, naaso okura anndwen ho ennhu sɛ ɛnnyɛ atwɛr no dɛw efiri sɛ abere biara no atwɛr no na ɔkɔsra kura no. Kura no mmba mmbɛsra atwɛr no da. Nna kura enihawni no nnim dɛm abere no, naaso nna nkakra nkakra ɔredan ne ho atamfo ama ne adamfo kura no.

Ewiabere bi a nna bere aso sɛ ɔbɛkɔ fie no, atwɛr no yɛɛ n'adwen sɛ ne bo afon saa nyɛnkofa-fa yi. Ɛno nti atwɛr no kyekyeree ahoma n'ano baako de bɔɔ ne na, na ɔkyekyeree ano baako so de bɔɔ kura no ne dua wɔ bere a kura no ennhu hwee.

Atwɛr no yɛɛ kura no bae-bae na otuu tɔɔ ne pɔnd mu wɔ kura no ne dua ne ase famu. Hɔ ara, wɔ abere a n'eni nnda, ahoma a esuo kura no ne dua no mu twee no firii ne dua-dan no mu kɔ wi mu de no bɛhwee pɔnd ne mu. Tuuuhye!

Nna kura no nnim sɛnea wɔ boro nsu nti, ɔyɛɛ nea ɔbɛtumi biara naaso wɔenntumi ennsane ahoma no. Kura no meen nsu ara yie wɔ bere a ɔpɛsɛ ɔgye ne ho naaso ekyiri no owui wɔ pɔnd ne mu.

Atwɛr no kaa wɔ ne adwen mu sɛ, ‘Yi bɛkyrɛ wo nyansa, kura enihawni.’

Naaso ammba no sɛ obiara ennhu dɛm bɔne yi: wɔ wimu soro soro, akroma bi hunuu sɛ kura bi da nsu no eni wɔ ase hɔ. Nti akroma a kɔm de no no tu baa famu bɛtwee kura no sɛ ɔrekɔwe no. Akroma no suoo kura no mu wiei ansaana   atwɛr no rekae sɛ ahoma no a ɔde kyekyeree ɔno ara ne kura no wɔn nan bɔ mu da ho ara kyekyere wɔn bɔ mu. Atwɛr no kɔr soro soro kɔpem bere a akrɔma no bɛsii dutan tenten bi paa so. Hɔ no na atwɛr no hunuu sɛ ɔedi bɔne. Ɔ resi efiri ato hɔ ama ne adamfo no, nna ɔresi efiri ato hɔ ama noara ne ho so. Nti seisei ara no, akrɔma no so bɛwe no efiri noara ne nhyehyɛe bɔne.

Abibifo awensɛm bi wɔ hɔ a wɔka no sɛ ... ‘Mma nntu mona a mu dɔ pii mma wo atamfo, efiri sɛ woara ankasa bɛtumi atɔ mu.'

Enjoyed this story?
Find out more here